v Ɛwom sɛ wɔde Paulo too afiase de, nanso otumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no. Ahotefo binom de akokoduru kaa asɛmpa no esiane Paulo afiasenna nti. Yudafo Kristofo a na wɔn ani bere Paulo no nso kaa asɛmpa no wɔ akansi mu. Paulo ani gyei efisɛ na wɔreka asɛmpa no wɔ ɔkwan bi so.