Galatifo 3:18-26 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛsoma Kristo. Na mfe 400 akyi no, Onyankopɔn de mmara no maa Israelfo. ( Galatifo 3:16-18 )

Bere a Israelfo no kɔɔ so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn maa wɔn mmara bi a ɛbɛma wɔahu wɔn bɔne. Awiei koraa no, mmara no ma yegye yɛn bɔne di na ɛde yɛn kɔ Kristo a wasiesie yɛn bɔne no nkyɛn. ( Galatifo 3:19-25 )