- 1168. Yudafoɔ no poo Yesu ɛfiri sɛ na wɔnnim sɛ Ɔno ne Kristo no. (Yesaia 1:2-3)
- 1169. Wɔ Israelfoɔ mu no, Israel nkaeɛ nko ara na wɔgye di sɛ Yesu yɛ Kristo.(Yesaia 1:9)
- 1170. Onyankopon mpɛ sɛ yɛbɔ afɔre, na mmom Ɔpɛ sɛ yehu Kristo a ɔno ne ɔkwan a yɛbɛfa so ahyia No. ( Yesaia 1:11-15 )
- 1171. Onyankop]n de Kristo mogya ama y[n b]ne ho tew. (Yesaia 1:18)
- 1172. Wɔbɛboaboa aman nyinaa ano aba Kristo asɛm no ho. (Yesaia 2:2)
- 1173. Asɛmpa no befi ase wɔ Yerusalem na wɔaka akyerɛ aman nyinaa. (Yesaia 2:3)
- 1174. Kristo ma yenya nokware asomdwoe. ( Yesaia 2:4 )
- 1175. Onyankopɔn twe wɔn a wɔnnye Yesu nni sɛ Kristo no aso. (Yesaia 2:8-10)
- 1176. Onyankopɔn ne Kristo nko ara na wɔhyɛ wɔn anuonyam. (Yesaia 2:11, Yesaia 2:17)
- 1177. Ɛnam Kristo so na wɔbɛsan de Awurade nkorabata asaase no asi hɔ. (Yesaia 4:2)
- 1178. Sɛ wogye Yesu di sɛ Kristo no a, wɔbɛtwerɛ wo din wɔ Adwammaa no Nkwa Nwoma no mu. (Yesaia 4:3)
- 1179. Yesaia hunuu Nyankopon ne Kristo animuonyam. (Yesaia 6:1-3)
- 1180.Onyankopɔn siw wɔn a wɔanpaw wɔn no kwan sɛ wɔbɛte Kristo ase. (Yesaia 6:9-10)
- 1181. Wɔ Israelfoɔ mu no, Israel nkaeɛ nko ara na wɔgye di sɛ Yesu yɛ Kristo.(Yesaia 6:11-13)
- 1182. Ɔbaabun nyinsɛn na ɔwo Ɔba, Kristo. (Yesaia 7:14)
- 1183. Esiane sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho nti, wobedi yɛn atamfo so nkonim wɔ awiei no mu. (Yesaia 8:8-10)
- 1184. Wɔn a wɔnnye Yesu nni sɛ Kristo no, Kristo bɛyɛ ɔboɔ a wɔbɛbɔ mu. (Yesaia 8:14-15)
- 1185. Kristo gyaee yɛn a na yɛyɛ Satan nkoa no. (Yesaia 8:17-18)
- 1186. Kristo maa hann baa Amanaman mufo nso so. (Yesaia 9:1-2)
- 1187. Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. (Yesaia 9:6-7)
- 1188. Israelfoɔ mu no, Israel nkaeɛ nko ara na wɔgye di sɛ Yesu yɛ Kristo. (Yesaia 10:20-22)
- 1189. Kristo a ɔbaa sɛ Dawid aseni na onyaa Honhom Kronkron (Yesaia 11:1-5)
- 1190. Kristo ama yen nokware asomdwoe. (Yesaia 11:6-9)
- 1191. Saa da no aman no nam Kristo so bɛsan aba Onyankopɔn nkyɛn. (Yesaia 11:10-12)
- 1192. Adeɛ a ɛyɛ fɛ paa a Onyankopɔn ayɛ ne sɛ wasoma yɛn Kristo. (Yesaia 12:2-5)
- 1193. Amanaman mufo nso gye Kristo di na wɔbɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. (Yesaia 19:24-25)
- 1194. Kristo kura Dawid nsafe. (Yesaia 22:22)
- 1195. Onyankopɔn nam Kristo so sɛe owuo saa da no na ɔpopa yɛn nusuo. (Yesaia 25:8)
- 1196. Nea ogye Yesu di se Kristo no, se owu mpo a, wobenyan no Awurade da no mu. (Yesaia 26:19)
- 1197. Sɛ Israelfoɔ no hyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu na wɔto wɔn abosom gu na wɔgye Kristo di a, wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Yesaia 27:9)
- 1198. Kristo da no mu no Onyankopon beboaboa Onyankopon mma ano. (Yesaia 27:12-13)
- 1199. Kristo yɛ ɔboɔ a wɔasɔ ahwɛ ama wɔn a wɔnnye Kristo nni. (Yesaia 28:15-16)
- 1200. Onyankopɔn amma Yudafoɔ no kwan sɛ wɔbɛte Kristo Asɛmpa no ase, enti ɔdanee Asɛmpa yi kyerɛɛ Amanamanmufoɔ. (Yesaia 29:10-12)
- 1201. Yudafoɔ no annye Kristo nni, Onyankopɔn ahyɛdeɛ, na mmom wɔdii onipa ahyɛdeɛ akyi. (Yesaia 29:13)
- 1202. Na asennua no ho asɛnka yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔyera, na yɛn a yɛagye yɛn nkwa no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. (Yesaia 29:14)
- 1203. Onyankopɔn bo fuwii Yudafo no sɛ ɔbɛma wɔahu Kristo, Onyankopɔn tumi. (Yesaia 29:16)
- 1204. Sɛ Kristo ba a, anifuraefoɔ hunu na wɔte asotifoɔ, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ. (Yesaia 29:18-19)
- 1205. Israelfoɔ nso nam Kristo, Onyankopɔn mmɔborɔhunu so bɛgye wɔn nkwa. (Yesaia 29:22-24)
- 1206. Daakye, ɔhene bi, Kristo, bɛba abɛdi yɛn so wɔ atɛntrenee mu. (Yesaia 32:1-4)
- 1207. Yɛne Onyankopɔn nam Kristo so nya asomdwoe. (Yesaia 32:16-18)
- 1208. Onyankopɔn saa yɛn yareɛ na ɔnam Kristo so de yɛn bɔne kyɛɛ yɛn. (Yesaia 33:22-24)
- 1209. Kristo baa sɛ ɔrebɛsa yɛn yareɛ na wagye yɛn nkwa. (Yesaia 35:4-6)
- 1210. Nea ogye Yesu di se Kristo no behyene saa kwan kronkron no mu. (Yesaia 35:8-10)
- 1211. Yohane Suboni Resiesie Kristo Kwan (Yesaia 40:3-5)
- 1212. Asɛmpa yi sɛ Yesu ne Kristo no bɛgyina hɔ daa.(Yesaia 40:6-8)
- 1213. Ka asɛmpa a ɛyɛ dɛ no kyerɛ wiase sɛ Yesu ne Kristo no. (Yesaia 40:9)
- 1214. Kristo de nsa a ɛyɛ den bae. (Yesaia 40:10)
- 1215. Kristo Nokware Guanhwɛfoɔ (Yesaia 40:11)
- 1216. Onyankopɔn ne Kristo ne wɔn a wodi kan ne wɔn a wotwa to a wodi abakɔsɛm so. (Yesaia 41:4)
- 1217. Kristo ne Israel anidasoɔ ne Israel Gyefoɔ. (Yesaia 41:14)
- 1218. Kristo de atemmuo brɛ Amanamanmufoɔ.(Yesaia 42:1-4)
- 1219. Nyankopɔn de Kristo yɛɛ Israel apam ne Amanaman mufoɔ hann. (Yesaia 42:6-9)
- 1220. Kristo gyee yen fii sum mu. (Yesaia 42:16)
- 1221. Kristo ne nokware dansefo ne nokware somfo Nyankopɔn. (Yesaia 43:10)
- 1222. Ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so agye wɔn nkwa gyese Kristo. (Yesaia 43:11)
- 1223. Wɔabɔ yɛn sɛ yɛnam Kristo so nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Yesaia 43:21)
- 1224. Onyankopɔn hwiee Honhom Kronkron guu wɔn a wogyee Yesu dii sɛ Kristo no so. (Yesaia 44:3)
- 1225. Nyankopon ne Kristo na wodi kan na wodi akyire. (Yesaia 44:6)
- 1226. Ɛsɛ sɛ tɛkrɛma biara ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade, de hyɛ Agya Nyankopɔn anuonyam. (Yesaia 45:23)
- 1228. Onyankopɔn nam Kristo so gyee Amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ. (Yesaia 49:5-7)
- 1229. Hwɛ, seesei ne da a ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu di sɛ Kristo no na yɛanya nkwagyeɛ. (Yesaia 49:8)
- 1230. Kristo yɛ yɛn nguanhwɛfoɔ na ɔdi yɛn anim kɔ nkwa asubura no mu.(Yesaia 49:9-10)
- 1231. Kristo huu amane sɛnea Bible kyerɛ no. (Yesaia 50:6)
- 1232. Ɔsoro ne asaase bɛtwam, nanso asɛmpa a ɛne sɛ Yesu ne Kristo no bɛtena hɔ daa. (Yesaia 51:6)
- 1233. Wohwie Honhom Kronkron mu hwie hwie hwie hwie s3 y3n sedee ebeye na yebetumi ama Onyankop3n ahunu. (Yesaia 52:6)
- 1234. Kristo kaa asomdwoe asmpa no kyeree yen. (Yesaia 52:7-10)
- 1235. Wobɛhunu Kristo, Onyankopɔn akoa nokorɛ. (Yesaia 52:13-15)
- 1236. Kristo baa asaase yi so, nanso Ne nkurofoo no annye No. (Yesaia 53:1)
- 1237. Wobuu Kristo animtiaa sɛnea Twerɛ Kronkron no kyerɛ no. (Yesaia 53:2-3)
- 1238. Kristo wui wɔ asɛnnua no so, ɔsoaa yɛn bɔne nyinaa sɛ ɔregye yɛn nkwa. ( Yesaia 53:4-6 )
- 1239. Kristo mmuee n’ano te sɛ oguammaa a wɔde no reba akumbea na wawu ama yɛn bɔne. (Yesaia 53:7-9)
- 1240. Kristo bɛyɛɛ bɔne ho afɔrebɔ maa Onyankopɔn de gye yɛn nkwa na ɔbu yɛn bem. ( Yesaia 53:10-11 )
- 1241. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, na wobu Kristo sɛ nsɛmmɔnedifo no mu biako. (Yesaia 53:12)
- 1242. Bɔhyɛ no mma bebree bɛba bio a wɔgye Yesu di sɛ Kristo no. (Yesaia 54:1)
- 1243. Kristo bɛyɛ yɛn kunu. (Yesaia 54:5)
- 1244. W]n a wogye Yesu di s[ Kristo no, Onyankop]n nam Honhom Kronkron no so kyer[ w]n. (Yesaia 54:13)
- 1245. Baasakoro Kronkron Nyankopon ma yen nkwa nsuo. (Yesaia 55:1)
- 1246. Adom a ɛyɛ pintinn a Onyankopɔn de maa Dawid: Kristo wusɔreɛ (Yesaia 55:3)
- 1247. Onyankopɔn daa apam a ɔne Dawid yɛe: Kristo (Yesaia 55:3-4)
- 1248. Hwɛ, seesei ne da a ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu di sɛ Kristo no na yɛanya nkwagyeɛ. (Yesaia 55:6)
- 1249. Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama nnipa nyina ara. (Yesaia 56:7)
- 1250. Kristo kaa asomdwoe asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri anaa wɔbɛn no. (Yesaia 57:19)
- 1251. Kristo ma yen nkwa nsuo daa. (Yesaia 58:11)
- 1252. Na y[n nyinaa w] b]ne ase, nanso w]nam Kristo so buu y[n bem Nyankop]n anim. (Yesaia 59:2)
- 1253. Apam foforo a Onyankopɔn de asi hɔ: Kristo (Yesaia 59:21)
- 1254. Kristo baa sɛ wiase hann. (Yesaia 60:1-2)
- 1255. Wiase asɛmpaka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ (Yesaia 60:3-9)
- 1256. Onyankopɔn ne Kristo bɛyɛ yɛn daa hann, na yɛn awerɛhow bɛba awiei. (Yesaia 60:19-20)
- 1257. Honhom Kronkron sraa Kristo na ɔkaa nkwagye asɛmpa no. (Yesaia 61:1-2)
- 1258. Onyankopɔn ne Kristo ma yɛn akwaaba sɛ wɔn ayeforo. (Yesaia 62:4-5)
- 1259. Kristo baa asaase yi so sɛ Agyenkwa. (Yesaia 62:11)
- 1260. Israelfoɔ no buu Onyankopɔn so asoɔden kɔsii sɛ wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Amanamanmufoɔ. (Yesaia 65:1-2)
- 1261. Onyankopɔn nam Honhom Kronkron so ama yɛate Onyankopɔn, Kristo, ahintasɛm ase. (Yesaia 64:4)
- 1262. Nyankopon bedi yen anim ako esoro foforo ne asaase foforo mu Awurade da no. (Yesaia 65:17-19)
- 1263. Israelfo no kum Kristo, nokware asɔredan no. (Yesaia 66:1)
- 1264. Onyankopɔn maa Amanamanmufoɔ no gyee Yesu dii sɛ Kristo no na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛntrɛw asɛmpa yi mu nkɔ asaase ano. (Yesaia 66:18-19)
- 1265. Onyankopɔn nam Kristo so ayɛ yɛn adehye asɔfodi. (Yesaia 66:20-21)